Mark 3

Yesu sa obi a ne nsa awu yare

1Yesu baa Kapernaum no, ɔkɔɔ hyiadan mu bio. Oduu hɔ no, ohuu ɔbarima bi a ne nsa baako awu.

2Na saa da no yɛ Homeda enti na Yesu atamfo no retetɛw no ahwɛ sɛ ɔbɛsa ɔbarima no yare anaa. Na wɔabɔ wɔn tirim sɛ, sɛ ɔsa no yare a, wɔbɛkyere no! 3Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima no se ommegyina nnipa no anim. 4Ɔdanee ne ho kyerɛɛ nʼatamfo no bisaa wɔn se, “Eye sɛ obi yɛ papa Homeda? Anaasɛ ɛyɛ da a wɔde yɛ bɔne? Ɛyɛ da a wɔde gye nkwa anaa wɔma obi nkwa hwere no?” Nanso wɔammua no. 5Ɔde abufuw hwɛɛ wɔn hyiae. Ɛhaw no sɛ wonni ahummɔbɔ ma nnipa enti ɔka kyerɛɛ ɔbarima no se, “Teɛ wo nsa no mu.” Ɔteɛɛ mu, na amonom hɔ ara, ne nsa no yɛɛ yie.

6Ɛhɔ ara, Farisifo no kohyiaa Herodefo no ne wɔn susuwii ɔkwan a wɔbɛfa so akum Yesu no ho.

Nnipadɔm tu di Yesu akyi

7Yesu ne nʼasuafo no fii hɔ kɔɔ mpoano. Nnipadɔm fifi Galilea, Yudea, Yerusalem, 8Idumea, asubɔnten Yordan agya, Tiro ne Sidon fam nyinaa tu dii Yesu akyi. Efisɛ, na nʼanwonwade a ɔyɛ no atrɛw mmaa nyinaa enti na ebinom pɛ sɛ wɔbɛhwɛ no.

9Ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, wɔmpɛ ɔkorow bi nsi nkyɛn baabi na sɛ nnipadɔm no kyere ne so wɔ mpoano hɔ a, watena mu akɔ. 10Da no, na wasa nyarewa bebree. Nanso, na ayarefo no ba ara na wɔreba a wɔpɛe sɛ wɔde wɔn nsa ka nʼatade.

11Bere biara a wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne no bi behu no no, wotwa hwe fam, wosow biribiri, ka se, “Woyɛ Onyankopɔn Ba.” 12Nanso, ɔbɔɔ wɔn ano se, wɔnnkyerɛ onipa ko a ɔyɛ.

Asuafo dumien no yi

13Akyiri yi, ɔkɔɔ bepɔw so, frɛɛ wɔn a wayi wɔn no baa ne nkyɛn. 14Oyii wɔn mu dumien a daa wɔne no bɛnantew, na wɔakɔka Asɛmpa no, 15na wɔatu ahonhommɔne nso. 16Dumien a oyii wɔn no din ni: Simon a ɔtoo no din foforo Petro. 17Sebedeo mma Yakobo ne Yohane nso, ɔfrɛɛ wɔn Boanerges a, ase ne aprannaa mma. 18Wɔn a wɔka ho nso ni: Andrea, Filipo, Bartolomeo, Mateo, Toma, Yakobo Alfeo ba; Tadeo ne Simon ɔmanyɛfo, 19ɛne Yuda Iskariot a oyii no mae no.

20Ɔsan baa ofi a ɔte mu no mu no, nnipakuw bi san baa ne so bio. Ankyɛ koraa na ɛhɔ nyinaa ayɛ ma a onnya kwan koraa nnidi. 21Ne fifo tee asɛm a aba no, wɔkɔɔ hɔ sɛ wɔrekɔfa no akɔ wɔn fi, efisɛ, wɔkae se, “Ne tiri mu ka no.”

Yesu ka nyaatwomfo anim

22Mmara no akyerɛkyerɛfo a wofi Yerusalem bae no kae se, “Beelsebub a ɔyɛ ahonhommɔne panyin no afa no, na ɔnam saa tumi no so na etu ahonhommɔne no.”

23Yesu frɛɛ wɔn kasa kyerɛɛ wɔn abebu mu se, “Ɛbɛyɛ dɛn na Satan betumi atu Satan? 24Ahenni biara a ɛne ne ho di asi no begu. 25Saa ara na ofi biara a ɛne ne ho di asi no nnyina ara ne no. 26Na sɛ Satan twa ne ho ne ne ho di asi a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi adi nkonim? Obedi nkogu. 27Obiara ntumi nkɔ ɔhoɔdenfo fi nkɔfa ne nneɛma kwa, gye sɛ, onii no di kan kyekyere ɔhoɔdenfo no, ansa na watumi afa ne nneɛma.

28“Mereka akyerɛ mo se, bɔne a onipa ayɛ biara no, wotumi de kyɛ no na mpo obi ka abususɛm tia me a, wotumi de kyɛ no; 29nanso nea ɔka abususɛm tia Honhom Kronkron no de, wɔremfa nkyɛ no da. Ɛyɛ bɔne a ɛrempopa da.”

30Ɔkaa saa asɛm yi, efisɛ, na wɔka se, ɔwɔ honhommɔne.

Yesu ne ne na ne ne nuanom

31Ogu so rekyerɛkyerɛ no, ne na ne ne nuanom begyinaa nnipadɔm no mu baabi somaa obi sɛ, ɔnkɔfrɛ no mmra, na wɔne no nkasa. 32Saa bere no na nnipadɔm no atwa ne ho ahyia. Nnipa no ka kyerɛɛ Yesu se, “Wo na ne wo nuanom gyina afikyiri hɔ pɛ sɛ wɔne wo kasa.”

33Yesu bisaa wɔn se, “Hena ne me na? Ɛhefo ne me nuanom?” 34Ɔhwɛɛ nnipadɔm no hyiae kae se, “Eyinom ne me na ne me nuanom! 35Obiara a ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde no, ɔno ne me nuabarima ne me nuabea ne me na.”

Copyright information for TwiNAK